Psalms 63

Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe.


1 Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibere so;
wo ho sukɔm de me kra,
me nipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na asade nni mu so,
faako a nsu nni.


2 Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ
mahu wo tumi ne wʼanuonyam.

3 Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti
mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.

4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,
na wo din mu na mɛma me nsa so.

5 Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi;
mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ.


6 Meda me mpa so a, mekae wo.
Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho.

7 Efisɛ wone me boafo,
wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom.

8 Me kra bata wo ho;
na wo nsa nifa kura me mu.


9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;
wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.

10 Wɔbɛdan wɔn ama afoa
na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman.


Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu;
wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,
na wobemua atorofo ano.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

11
Copyright information for TwiAKNA